Download as pdf or txt
Download as pdf or txt
You are on page 1of 4

2023 B6 END OF TERM 3 EXAMS - ASANTE TWI

GHANAIAN LANGUAGE (TWI) – BASIC SIX (6)

NAME: ………………………………………………… DATE: …………………………

ƆFA I
Fa nsɛmfua bɛyɛ ɔha (100) twerɛ nea ɛdidisoɔ yi mu baako ho asɛm

a. Me sukuu ho asɛm.
b. Aduane a me pɛ paa.
c. Twerɛ krataa kɔma w'adamfo na to nsa frɛ no sɛ ɔmmɛ di bronya akwamaa wɔ wo nkyen.

ƆFA II
Kenkan abasɛm yi na bua nsɛmmisa a ɛka ho no nyinaa
Ɔhene bi tenaa ase wɔ kuro bi a wɔfrɛ no Mmaapɛhia. Na ɔhene yi yɛ ayamyɛfoɔ nti da biara na
nkurɔfoɔ taa kɔ n'asa so no ne kɔdi nkɔmmɔ. Na ɔyɛ obi a na ɔtaa boaboa ne manfoɔ ano ne wɔn
yɛ kwasafodwuma.
Da bi, Nana Diasɛmpa a ɔyɛ ɔhene no nyaa ahohoɔ bi. Na saa nkurɔfoɔ yi nso firi kuro bi a wɔfrɛ
no Nkansere. Wɔbaa hɔ no, wɔn ne ɔhene yi too kɛsɛ maa no yɛɛ obiara nwanwa. Mpanin se,
asɛm kɛseɛ reba a frankaa nsi so. Da koro bi, ɔhene no yɛɛ sɛ ɔretukwan.
Berɛ a ɔhene tia ne nan akyi pɛ na nkurɔfoɔ no a wɔayɛ wɔn ho sɛn abɔfoɔ yi bɛhyɛnee ɔhene yi
dan mu kɔwiaa ne nnoɔma nyinaa. Nyame a ɔmmpɛ bɔne, berɛ a wɔreyɛ saa ayambrasɛm yi no,
sɛɛ na nhenkwaa no mu baako a wɔfrɛ Mahuwoda nso tɛ mpomma mu rehwɛ nea ɛrekɔ soɔ no.
Ahenkwaa yi bɔɔ bena maa ɔmanfoɔ bɛhyɛnee hɔ sei twɔn. Ei! Ɛdeɛn na asi yi? Wɔnkɔhwɛ a
ahohoɔ yi na wɔresesa ɔhene agudeɛ yi. Oo na asu wom!! Wom !! Mprensa. Wɔbirim wɔn ara
maa wɔtee ho ase.
Anni kyɛbi na Nana Diasɛmpa ani ho hantwo. Ɔbisaa akorɔmfoɔ no na wosee no sɛ, ɛyɛ wɔn hene
a ɔwɔ Nkansere na asoma wɔn. Yei maa ɔhene no ho dwirii no pa ara. Ɛfiri saa do no, ɔhene no
annye ahohoɔ wɔ ne nkyɛn bio.

BUA NSƐMMISA YI NYINAA


a. Na ɔhene no din de sɛn?
b. Kuro bɛn so na ɔhene no firi?
c. Nnoɔma bɛn na akorɔmfoɔ no wiaeɛ?
d. Ɛdeɛn na ɔhene no ne manfoɔ taa yɛ?
e. Kuro bɛn so na akorɔmafoɔ no firi?
ƆFA III
Yi mmuaeɛ A – C yi mu baako a ɛfa Akanfoɔ nkyea ho.
1. Akanfoɔ ammamerɛ mu no, ɔkyea firi. …….
A. Benkum so
B. Mpanin so
C. Nifa so
2. Sɛ wohyia obi na woankyea yɛtaa dwene sɛ……..
A. Wowɔ ɔdɔ
B. Wonni nteteɛ
C. W'ani ate
3. Yɛ kyea obi a ɔreyɛ adwuma sɛn?
A. Mema wo adwuma ooo
B. Mema wo adɔ ooo
C. Mema wo anɔpa
4. Akanman mu no, yɛ kyea anɔpa sɛn?
A. Mema wo anɔpa
B. Mema wo akye
C. Mema wo awia
5. Yɛde yɛn. ……….na ɛkyea wɔ Akanman mu.
A. Nsa benkum
B. Nsa nifa
C. Nan
Yi mmuaeɛ A – C yi mu baako a ɛfa Akanfoɔ mmɛ ho.
6. Nam dodoɔ. …….nkwan.
A. Seɛ
B. Nnseɛ
C. Bɛseɛ
7. Ɔdehyeɛ anko a,. ………….
A. Mpanin dwane
B. Akoa dwane
C. Mpanin dwane
8. Abɔfra bɔ nwa na ɔmmɔ………
A. Wɔwɔ
B. Akyekyedeɛ
C. Kranteɛ
9. ………..su agyenkuku su a ne to pae.
A. Apatuprɛ
B. Aserewa
C. Akyem
10. Aberewa bɛkɔ nsuo na……..
A. Ne wuo abɛn
B. Ntɛm
C. Ɔyare
Yi mmuaeɛ A – C yi mu baako a ɛyɛ wie ɔkasamu yi biara
11. Abɔfra a wɔatwa ne tiri mɛsɛmpɛsɛ yɛ………..
A. Ɔkɔmfoɔ ba
B. Aboatia ba
C. Ɔbosomma
12. Sɛ ɔkanni bi ani gye a, ɔfira ntoma. ……….
A. Tuntum
B. Fitaa
C. Kuntunkuni
13. Yɛfrɛ bosome dubaako sɛn?
A. Ɛbɔ
B. Obubuo
C. Oforisuo
14. Hwehwɛ deɛ ɛda nso wɔ saa nsɛm yi mu
A. Ɔgyefuo
B. Ofori
C. Ɔpɛpɔn
15. Amanneɛ a wɔyɛ obi a ne kunu anaa ne yere awu no yɛ….
A. Kuna
B. Ayeforohyia
C. Awaregyeeɛ
16. Wo papa nuabaa yɛ wo……
A. Maame kumaa
B. Sewaa
C. Nana
17. Sɛ yɛwo obi Kwasiada na ɔyɛ ɔbaa a yɛfrɛ no………..
A. Ama
B. Akosua
C. Afia
18. Wo maame papa yɛ wo…….
A. Wɔfa
B. Nana
C. Papa
19. ……..yɛ me maame nuabarima.
A. Nana
B. Wɔfa
C. Sewaa
20. Bosome yi mu baako wɔ nnafua aduasa.
A. Ɔpɛpɔn
B. Ɛbɔ
C. Ɔgyefuo
21. Wo wɔfa maame yɛ wo deɛn?
A. Sewaa
B. Maame
C. Nana
22. Abɔfra a wo papa de no bɛware wo maame yɛ no……
A. Kora
B. Abanoma
C. Akumaa
23. Abusua biara wɔ……..ɔda ano.
A. Ɔkyeame
B. Abusuapanin
C. Ahenkwaa
24. Akanfoɔ nam. ……….so gye akokoa bi to abusua bi mu.
A. Kradin
B. Dintoɔ
C. Asubɔ
25. Akanfoɔ di adeɛ kɔ…………..fam.
A. Sewaa
B. Maame
C. Papa
26. Sɛ wɔwo obi Memenda na ɔyɛ ɔbarima a, ne mmrane ne……..
A. Bodua
B. Atoapoma
C. Ogyam
27. Hwan mmrane ne ogyam?
A. Kwasi
B. Kwabena
C. Kwadwo
28. Ɛnam hwan so na Onyankopɔn kɔɔ soro?
A. Papa bi
B. Aberewa bi
C. Ɔbarimaa bi
29. Ɔbaatan na. ………..deɛ ne ba bɛdie.
A. Wonim
B. Ɔnim
C. Wɔnnim
30. Akokɔ a obutu ne mma so nsɛnkyerɛnneɛ kyerɛ……….
A. Ehu
B. Patapaa
C. Bammɔ

You might also like